Psalms 102

Aberante mmɔborɔni mpaebɔ

1Tie me mpaebɔ,
O Awurade, na tie me sufrɛ na boa me.
2Sɛ mewɔ ɔhaw mu a, nnan wʼakyi nkyerɛ me!
Tie me na sɛ mefrɛ a, gye me so ntɛm!
3Me nkwa reyera te sɛ wusiw; me nipadua rehyew te sɛ ogya.
4Meretwintwam sɛ sare a awo.
Me kɔn nnɔ aduan.
5Mepene dennen.
Menyɛ hwee sɛ honam ne nnompe.
6Mete sɛ wuram anomaa a ɔwɔ sare so.
Mete sɛ ɔpatu a wɔagyaw no amamfo so.
7Meda hɔ a, mʼani gu so.
Mete sɛ anomaa koro a osi ɔdan bi atifi.
8Daa mʼatamfo kasa tia me.
Wɔn a wodi me ho fɛw bɔ me din de dome me.
9Esiane wʼabufuw nti, nso ne mʼaduan na me nusu fra nea menom mu.
10Womaa me so tow me kyenee.
11Me nkwa te sɛ anwummere sunsuma; mete sɛ sare a awo.
12Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa.
Nkyirimma nyinaa bɛkae wo.
13Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ; bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ; bere pa no ni.
14Wʼasomfo dɔ no a ɛmfa ho sɛ wɔasɛe no; wohu no mmɔbɔ a ɛmfa ho sɛ wadan amamfo.
15Aman besuro Awurade; ahene a wɔwɔ asase so nyinaa besuro ne tumi.
16Awurade san kyekye Sion a, ɔbɛda ne kɛseyɛ adi.
17Obetie ne nkurɔfo a wagyaw wɔn no na watie wɔn mpaebɔ.
18Kyerɛw nhoma a Awurade ayɛ no gu hɔ ma nkyirimma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo no.
19 Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ soro hɔ; ɔhwɛ fi soro besii asase so.
20Ɔtee ɔpene a nneduafo pene na ɔma wogyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
21Enti wɔbɛpae mu abɔ ne din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
22bere a aman ne ahemman behyiam na wɔasom Awurade no.
23 Awurade ama me ayɛ mmerɛw wɔ bere a minnyinii.
Watew me nkwa nna so.
24O Onyankopɔn, mfa me mprempren a minnyinii yi.
O Awurade, wote hɔ daa daa.
25Tete no, wobɔɔ asase na wode wo nsa yɛɛ ɔsoro.
26Wɔn nyinaa bɛyera nanso ɛbɛka wo.
Wɔn nyinaa bɛtetew te sɛ ntamagow.
Wobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow na wɔayera.
27Nanso wote sɛnea wote.
Wo nkwa to ntwa da.
28Yɛn mma bɛtena ase a hwee nyɛ wɔn wɔ wo banbɔ ase, na wɔn asefo nso benya guankɔbea.
Copyright information for TwiNAK